2 Peter 1

1Saa krataa yi fi Simon Petro a ɔyɛ Yesu Kristo somfo ne ne somafo nkyɛn. Ɔde kɔma wɔn a esiane yɛn Nyankopɔn ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo trenee nti, wɔama wɔn gyidi a ɛsom bo te sɛ yɛn de no ara pɛ no.

2Adom na asomdwoe a ɛdɔɔso a efi Onyankopɔn ne Yesu a ɔyɛ yɛn Awurade no mmra mo so.

Frɛ a Onyankopɔn frɛ

3Sɛnea munim no yiye no, ɔnam ne tumi so bɛma mo biribiara a ɛho hia ma asetena pa no. Na ɔma yɛn nʼanuonyam ne nnepa a ɔwɔ no mpo bi. 4Ɔnam saa tumi no ara so ama yɛn akyɛde a ɛsom bo sɛnea ɔhyɛɛ yɛn ho bɔ no. Na ɛnam so ama mo aguan afi anibere bɔne a ɛwɔ wiase no ho na mo ne no atena ne su no mu.

5Esiane saa nti, mommɔ mmɔden mfa nneyɛe a ɛho tew nka mo gyidi ho; na momfa nimdeɛ nka nneyɛe a ɛho tew ho; 6na momfa ahohyɛso nka mo nimdeɛ ho; na momfa boasetɔ nka mo ahohyɛso ho; na momfa nyamesom pa nka mo boasetɔ ho; 7na momfa onuadɔ nka nyamesom pa ho; na momfa ɔdɔ mapa nka onuadɔ ho. 8Eyinom ne su pa a ɛho hia mo. Na sɛ munya ma ɛdɔɔso a, ɛbɛma mo ayɛ nnam wɔ yɛn Awurade Yesu Kristo ho nimdeɛ mu. 9Na obiara a onni bi no yɛ onifuraefo a ontumi nhu ade a ne werɛ afi sɛ wɔahohoro ne bɔne dedaw no.

10Enti me nuanom adɔfo, monyere mo ho wɔ dwuma no di mu, na enni mo ho adanse ampa ara sɛ Onyankopɔn afrɛ mo, ayi mo atena hɔ afebɔɔ. Sɛ moyɛ saa a, morenhintiw na morempa abaw nso. 11Sɛ mofa saa kwan yi so a, wɔbɛma mo akɔ yɛn Awurade ne yɛn Agyenkwa Yesu Kristo ahenni a ɛto ntwa da no mu.

12Ne saa nti, daa mekaekae mo saa asɛm yi a munim na atim nokware a moagye adi no mu no.

13Misusuw sɛ, eye sɛ mmere dodow a mete ase yi, mɛbɔ mo nkae wɔ saa asɛm yi ho. 14Minim sɛ ɛrenkyɛ biara megyaw saa ɔhonam yi hɔ sɛnea yɛn Awurade Yesu Kristo daa no adi kyerɛɛ me no. 15Mɛbɔ mmɔden sɛ mɛfa ɔkwan bi so ama mo akae saa nsɛm yi bere biara me wu akyi.

16Ɛnyɛ anansesɛm na yɛte bɛka kyerɛɛ mo fa yɛn Awurade Yesu Kristo tumi ne ba a ɔrebɛba no ho na mmom, yɛahu na yedi ne kɛseyɛ no ho adanse. 17Yɛwɔ hɔ bi na Agya Onyankopɔn hyɛɛ no anuonyam bere a ɛnne bi fi Anuonyam kɛse mu kae se, “Oyi ne me dɔ Ba a ɔsɔ mʼani!” no. 18Yɛn ankasa tee nne no sɛ efi soro reba bere a na yɛne no wɔ Bepɔw Kronkron no so no.

19Ɛno nti, ɛma yenya nkɔm a odiyifo no hyɛe no mu gyidi yiye. Ɛsɛ sɛ mutie no yiye efisɛ, ɛte sɛ kanea a ɛhyerɛn wɔ sum mu kosi da a ade bɛkye ama anɔpa nsoromma ahyerɛn wɔ mo koma mu no. 20Eyinom nyinaa akyi no, monkae saa asɛm yi: Obiara nni hɔ a ɔnam nʼankasa so betumi akyerɛ Kyerɛwsɛm mu nkɔnhyɛ ase. 21Na nkɔmhyɛ biara nso nni hɔ a efi onipa mu na mmom Honhom Kronkron no na ɛkyerɛɛ nnipa kwan bere a wɔreka asɛm a efi Onyankopɔn nkyɛn no.

Copyright information for TwiNAK